Aduane
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Aduane nni nkyerɛkyerɛmu baako, ɛno nti yɛbɛtumi aka sɛ aduane yɛ adeɛ biara a yɛdi fa yɛn anom na ɛma yɛn nkwa ne apɔmuɔden; kyerɛ sɛ ɛma yɛn ahoɔden na ɛsane nso boa siesie nnipadua no.[1]
Biribi a yɛdi kɔ yɛn nipadua no mu na ama nipadua no ahoɔden. Yɛnya aduane firi nnua ne mmoa mu.Aduane a yɛdi no ma yɛn apɔmuɔden na ɛboa tena ase kyɛ na mmom ɛnsɛ sɛ ɛtwa yɛn nkwa nna so.[2]
Yɛtumi de aduane fa paneɛ anaa drobɛn mu ma onipa, titire berɛ a onipa no yareɛ nti aduane nnyɛ adeɛ a yɛdi fa yɛn anum nko ara.[3]
Ɛye nokorɛ sɛ yɛdidi fa yɛn anom deɛ nanso yɛtumi nso de aduane kɔ yɛn nnipadua mu berɛ a ɛmfa yɛn anom nko ara.
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]1. https://link.springer.com/book/10.1007/978-3-319-45776-5
2.https://www.taylorfrancis.com/books/mono/10.4324/9780203877487/food-development-young
3.https://scholar.google.com/scholar?start=10&q=food&hl=en&as_sdt=0,5